1 Samuel 18:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so.
1 Samuel 18:9 in English
1 Samuel 18:9 · Berean Standard Bible
And from that day forward Saul kept a jealous eye on David.
Context
7Wɔn dwom a wɔtoeɛ no nie:
Saulo akum ne mpempem,
na Dawid deɛ, ɔpedupedu! 8Yei maa Saulo bo fuu yie. Ɔkaa sɛ, “Yei ase ne sɛn? Wɔde ɔpedu ɔpedu abata Dawid din ho, na me deɛ, wɔde mpempem. Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, wɔbɛsi no ɔhene.” 9Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so. 10Adeɛ kyeeɛ no, nokorɛm, Onyankopɔn honhommɔne sii Saulo so ma ɔhyɛɛ aseɛ kasakasaa ɔhyew so sɛ ɔbɔdamfoɔ. Dawid hyɛɛ aseɛ bɔɔ ne sankuo sɛdeɛ saa asɛm yi si a, ɔyɛ no. Nanso, Saulo a na ɔkura pea no, 11too pea no prɛko pɛ kyerɛɛ Dawid so sɛ anka ɔde rewɔ no aka no atare fasuo. Nanso, Dawid huri sii nkyɛn na ɔdwaneeɛ. Saa asɛm korɔ yi ara sii bio,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.