1 Samuel 18:7
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn dwom a wɔtoeɛ no nie: Saulo akum ne mpempem, na Dawid deɛ, ɔpedupedu!
1 Samuel 18:7 in English
1 Samuel 18:7 · Berean Standard Bible
And as the women danced, they sang out: “Saul has slain his thousands, and David his tens of thousands.”
Context
5Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti, Saulo yɛɛ no nʼasraafoɔ so ɔsahene, maa nʼakofoɔ ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa de anigyeɛ penee so. 6Nanso, ɛberɛ a Israelfoɔ nkonimdifoɔ rekɔ fie, na Dawid akum Goliat no, asɛm bi siiɛ. Mmaa fifiri nkuro a ɛbemmɛn ɛkwan no ho no bɛtwee mmomone maa ɔhene Saulo. Wɔtoo nnwom, saa ano, bɔɔ akasaeɛ ne kyankyan. 7Wɔn dwom a wɔtoeɛ no nie:
Saulo akum ne mpempem,
na Dawid deɛ, ɔpedupedu! 8Yei maa Saulo bo fuu yie. Ɔkaa sɛ, “Yei ase ne sɛn? Wɔde ɔpedu ɔpedu abata Dawid din ho, na me deɛ, wɔde mpempem. Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, wɔbɛsi no ɔhene.” 9Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.