Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo.

1 Samuel 18:3 in English

1 Samuel 18:3 · Berean Standard Bible

Then Jonathan made a covenant with David because he loved him as himself.

Context

1Ɛberɛ a Dawid ne Saulo kasa wieeɛ no, ɔhyiaa ɔhene babarima Yonatan. Wɔn baanu no dodɔɔ wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara. 2Ɛfiri saa ɛda no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfie hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ ne fie. 3Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo. 4Na Yonatan de ne batakari, nhyɛaseɛ, akofena, agyan ne abɔwomu maa Dawid de sɔɔ apam no ano. 5Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti, Saulo yɛɛ no nʼasraafoɔ so ɔsahene, maa nʼakofoɔ ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa de anigyeɛ penee so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.