Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Goliat twe pinii Dawid a nʼakokyɛmkurafoɔ di nʼanim.

1 Samuel 17:41 in English

1 Samuel 17:41 · Berean Standard Bible

Now the Philistine came closer and closer to David, with his shield-bearer before him.

Context

39Dawid de hyɛeɛ, de akofena kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ mmienu, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da. Afei, ɔkaa sɛ, “Merentumi mfa yeinom nhyehyɛ me ho nkɔ, ɛfiri sɛ, menhyɛɛ bi saa da.” Enti, ɔworɔɔ ne nyinaa guu hɔ. 40Ɔfaa kokwaboɔ enum firii asuwa bi mu, de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo mu. Ɔfaa ne nnwanhwɛfoɔ poma ne nʼahwimmoɔ nko ara. Afei, ɔsii ɛkwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko. 41Goliat twe pinii Dawid a nʼakokyɛmkurafoɔ di nʼanim. 42Goliat hunuu Dawid no, ɔbuu no abomfiaa. 43Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid sɛ, “Meyɛ ɔkraman na wode poma aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.