1 Samuel 17:42
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Goliat hunuu Dawid no, ɔbuu no abomfiaa.
1 Samuel 17:42 in English
1 Samuel 17:42 · Berean Standard Bible
When the Philistine looked and saw David, he despised him because he was just a boy, ruddy and handsome.
Context
40Ɔfaa kokwaboɔ enum firii asuwa bi mu, de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo mu. Ɔfaa ne nnwanhwɛfoɔ poma ne nʼahwimmoɔ nko ara. Afei, ɔsii ɛkwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko. 41Goliat twe pinii Dawid a nʼakokyɛmkurafoɔ di nʼanim. 42Goliat hunuu Dawid no, ɔbuu no abomfiaa. 43Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid sɛ, “Meyɛ ɔkraman na wode poma aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid. 44Goliat woroo so sɛ, “Bra mʼanim ha, na mede wo ɛnam bɛma nnomaa ne nkekaboa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.