Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid sɛ, “Meyɛ ɔkraman na wode poma aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid.

1 Samuel 17:43 in English

1 Samuel 17:43 · Berean Standard Bible

“Am I a dog,” he said to David, “that you come at me with sticks?” And the Philistine cursed David by his gods.

Context

41Goliat twe pinii Dawid a nʼakokyɛmkurafoɔ di nʼanim. 42Goliat hunuu Dawid no, ɔbuu no abomfiaa. 43Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid sɛ, “Meyɛ ɔkraman na wode poma aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid. 44Goliat woroo so sɛ, “Bra mʼanim ha, na mede wo ɛnam bɛma nnomaa ne nkekaboa.” 45Ɛnna Dawid nso teaam guu ne so sɛ, “Wode, akofena, pea ne bɛmma na ɛreba me so, na me deɛ, mede Awurade Otumfoɔ Israel akodɔm Onyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.