1 Samuel 17:21
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ankyɛre na Israel ne Filistifoɔ no bɛnee wɔn ho a wɔdi nhwɛanimu.
1 Samuel 17:21 in English
1 Samuel 17:21 · Berean Standard Bible
And Israel and the Philistines arrayed in formation against each other.
Context
19Na Dawid nuanom ne Israel akodɔm no wɔ Ela bɔnhwa no mu a wɔreko tia Filistifoɔ.” 20Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid gyaa nnwan no maa odwanhwɛfoɔ bi na ɔfaa akyɛdeɛ no kɔeɛ. Ɔduruu sraban mu hɔ ɛberɛ a na akodɔm no rekɔ mpasua ahodoɔ no so. Wɔrekɔ no, na wɔreteam reto ɔko nnwom. 21Ankyɛre na Israel ne Filistifoɔ no bɛnee wɔn ho a wɔdi nhwɛanimu. 22Dawid gyaa ne nneɛma maa akodeɛ sohwɛfoɔ no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kɔkyeaa ne nuanom. 23Ɛberɛ a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfoɔ Goliat a ɔfiri Gat, firii Filistifoɔ akodɔm no mu teateaa mu kasatwie so kyerɛɛ Israel akodɔm no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.