Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Samuel kaa sɛ, “Fa ɔhene Agag brɛ me.” Agag baa ne nkyɛn gyidie mu, susuu sɛ ɛhɔ a wakɔ no deɛ, owuo apare no.

1 Samuel 15:32 in English

1 Samuel 15:32 · Berean Standard Bible

Then Samuel said, “Bring me Agag king of the Amalekites.” Agag came to him cheerfully,* for he thought, “Surely the bitterness of death is past.”*

Context

30Saulo srɛɛ bio sɛ, “Menim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me animuonyam wɔ me mpanimfoɔ ne me nkurɔfoɔ anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Onyankopɔn.” 31Enti, Samuel pene ne Saulo sane kɔeɛ, na Saulo somm Awurade. 32Afei, Samuel kaa sɛ, “Fa ɔhene Agag brɛ me.” Agag baa ne nkyɛn gyidie mu, susuu sɛ ɛhɔ a wakɔ no deɛ, owuo apare no. 33Nanso, Samuel kaa sɛ, “Sɛdeɛ wʼakofena akum mmaa bi mmammarima no, wo nso wo maame bɛyɛ ɔbaa a ɔnni ba.” Enti, Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal. 34Na Samuel firi hɔ kɔɔ Rama ɛna Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.