1 Samuel 15:33
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Samuel kaa sɛ, “Sɛdeɛ wʼakofena akum mmaa bi mmammarima no, wo nso wo maame bɛyɛ ɔbaa a ɔnni ba.” Enti, Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal.
1 Samuel 15:33 in English
1 Samuel 15:33 · Berean Standard Bible
But Samuel declared: “As your sword has made women childless, so your mother will be childless among women.” And Samuel hacked Agag to pieces before the LORD at Gilgal.
Context
31Enti, Samuel pene ne Saulo sane kɔeɛ, na Saulo somm Awurade. 32Afei, Samuel kaa sɛ, “Fa ɔhene Agag brɛ me.”
Agag baa ne nkyɛn gyidie mu, susuu sɛ ɛhɔ a wakɔ no deɛ, owuo apare no. 33Nanso, Samuel kaa sɛ,
“Sɛdeɛ wʼakofena akum mmaa bi mmammarima no,
wo nso wo maame bɛyɛ ɔbaa a ɔnni ba.”
Enti, Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal. 34Na Samuel firi hɔ kɔɔ Rama ɛna Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea. 35Samuel anhyia Saulo bio nanso ɔdii ne ho yea bebree. Na ɛyɛɛ Awurade yea sɛ wasi Saulo ɔhene wɔ Israel so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.