1 Samuel 15:24
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no.
1 Samuel 15:24 in English
1 Samuel 15:24 · Berean Standard Bible
Then Saul said to Samuel, “I have sinned; I have transgressed the LORD’s commandment and your instructions, because I feared the people and obeyed their voice.
Context
22Na Samuel buaa sɛ,
“Ɛdeɛn na ɛsɔ Awurade ani:
sɛ wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ
anaasɛ wobɛyɛ ɔsetie ama Awurade nne?
Osetie yɛ sene afɔrebɔ,
sɛ wobɛtie no no yɛ sene sɛ wode nnwennini akɛseɛ sradeɛ bɛma. 23Adɔnyɛ te sɛ bayie,
ɛna asoɔden nso te sɛ ahonisom.
Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no enti,
ɔno nso apo wʼahennie.” 24Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no. 25Enti, mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.” 26Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Merensane ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛdeɛ enti Awurade nso apo wʼahennie!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.