1 Samuel 15:25
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.”
1 Samuel 15:25 in English
1 Samuel 15:25 · Berean Standard Bible
Now therefore, please forgive my sin and return with me so I can worship the LORD.”
Context
23Adɔnyɛ te sɛ bayie,
ɛna asoɔden nso te sɛ ahonisom.
Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no enti,
ɔno nso apo wʼahennie.” 24Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no. 25Enti, mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.” 26Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Merensane ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛdeɛ enti Awurade nso apo wʼahennie!” 27Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo sɔɔ nʼatadeɛ mu pɛɛ sɛ ɔsane noɔ, na atadeɛ no mu suaneeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.