1 Samuel 15:23
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adɔnyɛ te sɛ bayie, ɛna asoɔden nso te sɛ ahonisom. Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no enti, ɔno nso apo wʼahennie.”
1 Samuel 15:23 in English
1 Samuel 15:23 · Berean Standard Bible
For rebellion is like the sin of divination, and arrogance is like the wickedness of idolatry. Because you have rejected the word of the LORD, He has rejected you as king.”
Context
21Na mʼakodɔm no nso de nnwan pa, anantwie pa ne asadeɛ baeɛ sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn wɔ Gilgal.” 22Na Samuel buaa sɛ,
“Ɛdeɛn na ɛsɔ Awurade ani:
sɛ wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ
anaasɛ wobɛyɛ ɔsetie ama Awurade nne?
Osetie yɛ sene afɔrebɔ,
sɛ wobɛtie no no yɛ sene sɛ wode nnwennini akɛseɛ sradeɛ bɛma. 23Adɔnyɛ te sɛ bayie,
ɛna asoɔden nso te sɛ ahonisom.
Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no enti,
ɔno nso apo wʼahennie.” 24Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no. 25Enti, mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.