1 Samuel 15:22
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Samuel buaa sɛ, “Ɛdeɛn na ɛsɔ Awurade ani: sɛ wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ anaasɛ wobɛyɛ ɔsetie ama Awurade nne? Osetie yɛ sene afɔrebɔ, sɛ wobɛtie no no yɛ sene sɛ wode nnwennini akɛseɛ sradeɛ bɛma.
1 Samuel 15:22 in English
1 Samuel 15:22 · Berean Standard Bible
But Samuel declared: “Does the LORD delight in burnt offerings and sacrifices as much as in obedience to His voice? Behold, obedience is better than sacrifice, and attentiveness is better than the fat of rams.
Context
20Saulo nso kaa no dendeenden sɛ, “Metiee Awurade. Deɛ ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛeɛ. Mede ɔhene Agag sane baeɛ. Na wɔn a aka no deɛ, mesɛee wɔn nyinaa. 21Na mʼakodɔm no nso de nnwan pa, anantwie pa ne asadeɛ baeɛ sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn wɔ Gilgal.” 22Na Samuel buaa sɛ,
“Ɛdeɛn na ɛsɔ Awurade ani:
sɛ wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ
anaasɛ wobɛyɛ ɔsetie ama Awurade nne?
Osetie yɛ sene afɔrebɔ,
sɛ wobɛtie no no yɛ sene sɛ wode nnwennini akɛseɛ sradeɛ bɛma. 23Adɔnyɛ te sɛ bayie,
ɛna asoɔden nso te sɛ ahonisom.
Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no enti,
ɔno nso apo wʼahennie.” 24Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.