1 Samuel 10:21
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa Awurade anim na wɔyii Matri abusua, ɛnna awieeɛ no wɔyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wɔnhunu baabi a wafa.
1 Samuel 10:21 in English
1 Samuel 10:21 · Berean Standard Bible
Then he had the tribe of Benjamin come forward by its clans, and the clan of Matri was selected.* Finally, Saul son of Kish was selected. But when they looked for him, they could not find him.
Context
19Nanso, ɛwom sɛ mayɛ bebree ama mo deɛ, nso moapo me aka sɛ, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti, afei, momfa mo mmusuakuo ne mo mmusua mmra Awurade anim.” 20Samuel maa Israel mmusuakuo nyinaa baeɛ no, Benyamin abusuakuo na wɔyii wɔn. 21Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa Awurade anim na wɔyii Matri abusua, ɛnna awieeɛ no wɔyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wɔnhunu baabi a wafa. 22Enti, wɔbisaa Awurade sɛ, “Na ɔwɔ he?”
Na Awurade buaa sɛ, “Aane, ɔde ne ho ahinta nneɛma mu.” 23Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.