1 Samuel 10:23
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so.
1 Samuel 10:23 in English
1 Samuel 10:23 · Berean Standard Bible
So they ran and brought Saul, and when he stood among the people, he was a head taller than any of the others.
Context
21Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa Awurade anim na wɔyii Matri abusua, ɛnna awieeɛ no wɔyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wɔnhunu baabi a wafa. 22Enti, wɔbisaa Awurade sɛ, “Na ɔwɔ he?”
Na Awurade buaa sɛ, “Aane, ɔde ne ho ahinta nneɛma mu.” 23Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. 24Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɔbarima a Awurade apa no sɛ mo ɔhene nie. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.”
Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ɔhene nkwa so!” 25Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahennie no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔtwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfoɔ no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.