1 Petro 2:8
1 Peter 2:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔka bio wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Saa ɛboɔ yi na ɛbɛma nnipa asunti; ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” Wɔsuntiiɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛeɛ.
1 Peter 2:8 in English
1 Peter 2:8 · Berean Standard Bible
and, “A stone of stumbling and a rock of offense.”* They stumble because they disobey the word—and to this they were appointed.
Context
6Na Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Mayi ɛboɔ a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatiboɔ a
obiara a ɔbɛgye no adi no,
wɔrenni no hwammɔ.” 7Saa ɛboɔ yi ho wɔ mfasoɔ yie ma mo a mogye di. Na wɔn a wɔnnye nni no:
“Ɛboɔ a adansifoɔ apo no,
ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ.” 8Wɔka bio wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,
“Saa ɛboɔ yi na ɛbɛma nnipa asunti;
ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.”
Wɔsuntiiɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛeɛ. 9Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo sɛ monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu. 10Nna bi a atwam no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nanso afei, moyɛ ne nkurɔfoɔ; nna bi a atwam no na monnim Onyankopɔn ahummɔborɔ no, nanso seesei, moanya nʼahummɔborɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.