Native Bible

1 Peter 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mayi ɛboɔ a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatiboɔ a obiara a ɔbɛgye no adi no, wɔrenni no hwammɔ.”

1 Peter 2:6 in English

1 Peter 2:6 · Berean Standard Bible

For it stands in Scripture: “See, I lay in Zion a stone, a chosen and precious cornerstone; and the one who believes in Him will never be put to shame.”*

Context

4Mommra Awurade a ɔyɛ ɛboɔ a nkwa wom no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo. 5Mo nso mote sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɛdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfoɔ Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛdi mu ama Onyankopɔn. 6Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mayi ɛboɔ a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatiboɔ a obiara a ɔbɛgye no adi no, wɔrenni no hwammɔ.” 7Saa ɛboɔ yi ho wɔ mfasoɔ yie ma mo a mogye di. Na wɔn a wɔnnye nni no: “Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ.” 8Wɔka bio wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Saa ɛboɔ yi na ɛbɛma nnipa asunti; ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” Wɔsuntiiɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.