Native Bible

1 Kings 9:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔno 4 akɔma Salomo.

1 Kings 9:14 in English

1 Kings 9:14 · Berean Standard Bible

And Hiram had sent the king 120 talents of gold.*

Context

12Huram firii Tiro kɔhwɛɛ nkuro a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa. 13Ɔbisaa sɛ, “Me nua, na nkuro bɛn na wode ama me yi? Saa nkuro yi nni mu!” Enti, ɔfrɛɛ hɔ Kabul, “Deɛ ɛnni mu” de bɛsi ɛnnɛ. 14Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔno 4 akɔma Salomo. 15Ɛkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wɔsii Awurade asɔredan no ne nʼahemfie, Milo, Yerusalem ɔfasuo ne Hasor, Megido ne Geser nkuro no nie: 16Misraimhene kɔtuaa Geser, gyee hɔ faeɛ. Ɔkumm Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu nyinaa, hyee hɔ pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babaa no sɛ akyɛdeɛ ɛberɛ a ɔwaree Salomo no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.