Native Bible

1 Kings 7:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛpo no ne anantwie dumienu a ɛhyehyɛ aseɛ,

1 Kings 7:44 in English

1 Kings 7:44 · Berean Standard Bible

the Sea; the twelve oxen underneath the Sea;

Context

42ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no), 43nsuo nteaseɛnam edu a dwaresɛn edu sisi soɔ, 44Ɛpo no ne anantwie dumienu a ɛhyehyɛ aseɛ, 45Nkukuo, sofi ne dwaresɛn. Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho. 46Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.