Native Bible

1 Kings 5:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, seesei, Awurade, me Onyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, menni ɔtamfoɔ biara na biribiara rekɔ yie.

1 Kings 5:4 in English

1 Kings 5:4 · Berean Standard Bible

But now the LORD my God has given me rest on every side, and there is no adversary or crisis.

Context

2Salomo too saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Huram sɛ, 3“Wo ara wonim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ Awurade ne Onyankopɔn din animuonyam, ɛsiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no diiɛ enti. Wantumi anyɛ kɔsii sɛ Awurade de nʼatamfoɔ hyɛɛ ne nan ase. 4Nanso, seesei, Awurade, me Onyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, menni ɔtamfoɔ biara na biribiara rekɔ yie. 5Ne saa enti, mayɛ adwene sɛ mɛsi asɔredan ama Awurade, me Onyankopɔn sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mʼagya Dawid sɛ me na mɛyɛ no. ‘Wo ba a mede no bɛtena ahennwa so, asi wʼananmu no bɛsi asɔredan ahyɛ me din animuonyam.’ 6“Ɛno enti, hyɛ ma wɔnkɔtwa ntweneduro a ɛfiri Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wobɛgye ama wɔn no, mɛtua. Wo ara wonim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfoɔ wɔ nnuabuo mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.