Native Bible

1 Kings 5:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛno enti, hyɛ ma wɔnkɔtwa ntweneduro a ɛfiri Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wobɛgye ama wɔn no, mɛtua. Wo ara wonim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfoɔ wɔ nnuabuo mu.”

1 Kings 5:6 in English

1 Kings 5:6 · Berean Standard Bible

Now therefore, order that cedars of Lebanon be cut down for me. My servants will be with your servants, and I will pay your servants whatever wages you set, for you know that there are none among us as skilled in logging as the Sidonians.”

Context

4Nanso, seesei, Awurade, me Onyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, menni ɔtamfoɔ biara na biribiara rekɔ yie. 5Ne saa enti, mayɛ adwene sɛ mɛsi asɔredan ama Awurade, me Onyankopɔn sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mʼagya Dawid sɛ me na mɛyɛ no. ‘Wo ba a mede no bɛtena ahennwa so, asi wʼananmu no bɛsi asɔredan ahyɛ me din animuonyam.’ 6“Ɛno enti, hyɛ ma wɔnkɔtwa ntweneduro a ɛfiri Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wobɛgye ama wɔn no, mɛtua. Wo ara wonim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfoɔ wɔ nnuabuo mu.” 7Ɛberɛ a Huram tee Salomo nkra no, nʼani sɔɔ yie kaa sɛ, “Ayɛyie nka Awurade ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, wama Dawid ɔba nyansafoɔ sɛ ɔmmɛdi saa ɔman kɛseɛ Israel yi so.” 8Enti, Huram soma maa wɔde saa nkra yi kɔmaa Salomo sɛ, “Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisadeɛ a ɛfa nnua no ho no. Mɛtumi de ntweneduro nnua ne pepeaa nnua abrɛ wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.