1 Ahemfo 22:47
1 Kings 22:47 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no, na ɔhene nni Edom gye kuro no sohwɛfoɔ nko.
1 Kings 22:47 in English
1 Kings 22:47 · Berean Standard Bible
And there was no king in Edom; a deputy served as king.
Context
45Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahennie ho nkaeɛ no, faako a ne tumi kɔduruiɛ ne ako a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 46Ɔpamoo abosomfie so adwamanfoɔ a na wɔgu so bɔ adwaman, firi nʼagya Asa berɛ so no nyinaa. 47Saa ɛberɛ no, na ɔhene nni Edom gye kuro no sohwɛfoɔ nko. 48Yehosafat yɛɛ adwadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔpɛ sikakɔkɔɔ. Nanso, ahyɛn no antumi anyɛ adwuma, ɛsɛee wɔ Esion-Geber. 49Saa ɛberɛ no, Ahab babarima Ahasia susuu ho kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ ɛpo so akwan nsrahwɛ.” Nanso, Yehosafat ampene so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.