1 Ahemfo 22:46
1 Kings 22:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔpamoo abosomfie so adwamanfoɔ a na wɔgu so bɔ adwaman, firi nʼagya Asa berɛ so no nyinaa.
1 Kings 22:46 in English
1 Kings 22:46 · Berean Standard Bible
He banished from the land the male shrine prostitutes who remained from the days of his father Asa.
Context
44Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoeɛ mu. 45Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahennie ho nkaeɛ no, faako a ne tumi kɔduruiɛ ne ako a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 46Ɔpamoo abosomfie so adwamanfoɔ a na wɔgu so bɔ adwaman, firi nʼagya Asa berɛ so no nyinaa. 47Saa ɛberɛ no, na ɔhene nni Edom gye kuro no sohwɛfoɔ nko. 48Yehosafat yɛɛ adwadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔpɛ sikakɔkɔɔ. Nanso, ahyɛn no antumi anyɛ adwuma, ɛsɛee wɔ Esion-Geber.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.