1 Ahemfo 21:18
1 Kings 21:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Kɔ na kɔhyia Israelhene Ahab a ɔdi Samaria so no. Seesei ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa.
1 Kings 21:18 in English
1 Kings 21:18 · Berean Standard Bible
“Get up and go down to meet Ahab king of Israel, who is in Samaria. See, he is in the vineyard of Naboth, of which he has gone to take possession.
Context
16Enti ɛhɔ ara, Ahab siane kɔfaa Nabot bobeturo no. 17Ɛnna Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 18“Kɔ na kɔhyia Israelhene Ahab a ɔdi Samaria so no. Seesei ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa. 19Ka kyerɛ no sɛ, sei na Awurade ka: ‘Ɛnnɔɔso sɛ wokum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔno nso? Deɛ woayɛ yi enti beaeɛ a nkraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtafere wo mogya, aane, wʼankasa wo mogya!’ ” 20Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Woahunu me, me ɔtamfoɔ.”
Ɔbuaa sɛ, “Aane maba bio ɛfiri sɛ, woatɔn wo ho ama ɔbɔnefoɔ no wɔ Awurade ani so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.