1 Ahemfo 21:17
1 Kings 21:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnna Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ,
1 Kings 21:17 in English
1 Kings 21:17 · Berean Standard Bible
Then the word of the LORD came to Elijah the Tishbite, saying,
Context
15Ɛberɛ a Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.” 16Enti ɛhɔ ara, Ahab siane kɔfaa Nabot bobeturo no. 17Ɛnna Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 18“Kɔ na kɔhyia Israelhene Ahab a ɔdi Samaria so no. Seesei ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa. 19Ka kyerɛ no sɛ, sei na Awurade ka: ‘Ɛnnɔɔso sɛ wokum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔno nso? Deɛ woayɛ yi enti beaeɛ a nkraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtafere wo mogya, aane, wʼankasa wo mogya!’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.