1 Ahemfo 21:16
1 Kings 21:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti ɛhɔ ara, Ahab siane kɔfaa Nabot bobeturo no.
1 Kings 21:16 in English
1 Kings 21:16 · Berean Standard Bible
And when Ahab heard that Naboth was dead, he got up and went down to take possession of the vineyard of Naboth the Jezreelite.
Context
14Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔasi Nabot aboɔ, ama wawu.” 15Ɛberɛ a Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.” 16Enti ɛhɔ ara, Ahab siane kɔfaa Nabot bobeturo no. 17Ɛnna Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 18“Kɔ na kɔhyia Israelhene Ahab a ɔdi Samaria so no. Seesei ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.