Native Bible

1 Kings 2:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, ɔkaa sɛ, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya awadeɛ.”

1 Kings 2:21 in English

1 Kings 2:21 · Berean Standard Bible

So Bathsheba said, “Let Abishag the Shunammite be given to your brother Adonijah as his wife.”

Context

19Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebɛhyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahennwa so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa adwa mmrɛ ɔhene maame, na ɔtenaa ɔhene nifa so. 20Ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Mewɔ adeɛ ketewaa bi bisa wo, na mfa nkame me.” Ɔhene no buaa no sɛ, “Bisa me, me maame. Meyɛ ama wo.” 21Enti, ɔkaa sɛ, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya awadeɛ.” 22Ɔhene Salomo bisaa ne maame sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛnneɛ, sɛ wobɛbisa ahemman nso ama no. Wonim sɛ ɔyɛ me nua panin na ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!” 23Na ɔhene Salomo de Awurade edin kaa ntam sɛ, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisadeɛ yi so a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.