Native Bible

1 Kings 2:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhene Salomo bisaa ne maame sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛnneɛ, sɛ wobɛbisa ahemman nso ama no. Wonim sɛ ɔyɛ me nua panin na ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!”

1 Kings 2:22 in English

1 Kings 2:22 · Berean Standard Bible

King Solomon answered his mother, “Why do you request Abishag the Shunammite for Adonijah? Since he is my older brother, you might as well request the kingdom for him and for Abiathar the priest and for Joab son of Zeruiah!”

Context

20Ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Mewɔ adeɛ ketewaa bi bisa wo, na mfa nkame me.” Ɔhene no buaa no sɛ, “Bisa me, me maame. Meyɛ ama wo.” 21Enti, ɔkaa sɛ, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya awadeɛ.” 22Ɔhene Salomo bisaa ne maame sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛnneɛ, sɛ wobɛbisa ahemman nso ama no. Wonim sɛ ɔyɛ me nua panin na ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!” 23Na ɔhene Salomo de Awurade edin kaa ntam sɛ, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisadeɛ yi so a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara. 24Na seesei deɛ, mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɔno a watim mʼase wɔ mʼagya Dawid ahennwa so, na wabɔ me fie ahennie mu nnidisoɔ atenaseɛ ama me, sɛdeɛ ɔhyɛɛ me bɔ no, Adoniya deɛ, twa ara na ɛtwa sɛ ɔwu ɛnnɛ yi ara.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.