1 Korintofoɔ 9:3
1 Corinthians 9:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa ɛkwan yi so na mefa yi me ho ano.
1 Corinthians 9:3 in English
1 Corinthians 9:3 · Berean Standard Bible
This is my defense to those who scrutinize me:
Context
1Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafoɔ anaa? Menhunuu Yesu yɛn Awurade anaa? Na monyɛ me nsa ano adwuma wɔ Awurade mu anaa? 2Na sɛ afoforɔ mpo nnye me ntom sɛ ɔsomafoɔ a, mo deɛ, mogye me tom saa. Sɛdeɛ mo ankasa mo abrabɔ te wɔ Awurade mu no di ho adanseɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ. 3Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa ɛkwan yi so na mefa yi me ho ano. 4Menni ho ɛkwan sɛ mʼadwuma enti, wɔma me aduane di ma me nsuo nom anaa? 5Menni ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ asomafoɔ a aka no yɛeɛ no bi, sɛdeɛ Awurade nuanom ne Petro yɛeɛ, na meware Okristoni baa de no ka me ho tu mʼakwan yi?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.