Native Bible

1 Chronicles 27:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Heldai a ɔyɛ Otniel a ɔfiri Netofa aseni no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dumienu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dumienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).

1 Chronicles 27:15 in English

1 Chronicles 27:15 · Berean Standard Bible

The twelfth, for the twelfth month, was Heldai * the Netophathite, from the family of Othniel. There were 24,000 men in his division.

Context

13Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ɔfiri Netofa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so edu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so edu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 14Benaia a ɔfiri Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dubaako, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dubaako mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 15Heldai a ɔyɛ Otniel a ɔfiri Netofa aseni no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dumienu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dumienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 16Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie: Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser; Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia; 17Lewi abusuakuo: Kemuel babarima Hasabia Aaron (asɔfoɔ no) abusuakuo: Sadok;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.