1 Berɛsosɛm 27:16
1 Chronicles 27:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie: Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser; Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia;
1 Chronicles 27:16 in English
1 Chronicles 27:16 · Berean Standard Bible
These officers were in charge of the tribes of Israel: Over the Reubenites was Eliezer son of Zichri; over the Simeonites was Shephatiah son of Maacah;
Context
14Benaia a ɔfiri Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dubaako, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dubaako mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 15Heldai a ɔyɛ Otniel a ɔfiri Netofa aseni no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dumienu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dumienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 16Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie:
Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser;
Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia; 17Lewi abusuakuo: Kemuel babarima Hasabia
Aaron (asɔfoɔ no) abusuakuo: Sadok; 18Yuda abusuakuo: Dawid nuabarima Elihu;
Isakar abusuakuo: Mikael babarima Omri;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.