1 Berɛsosɛm 24:7
1 Chronicles 24:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yehoiarib. Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Yedaia.
1 Chronicles 24:7 in English
1 Chronicles 24:7 · Berean Standard Bible
The first lot fell to Jehoiarib, the second to Jedaiah,
Context
5Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadie ahodoɔ nyinaa maa akuakuo no, sɛdeɛ ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Ɛfiri sɛ, na mpanimfoɔ bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasa ne Itamar asefoɔ no nso wɔ hɔ. 6Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔtwerɛɛ din ne nnwuma ahodoɔ wɔ ɔhene no ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewi mmusua no mpanimfoɔ anim. Eleasa ne Itamar asefoɔ bobɔɔ ntonto sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi: 7Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yehoiarib.
Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Yedaia. 8Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Harim.
Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Seorim. 9Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Malkia.
Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Miyamin.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.