Native Bible

1 Chronicles 24:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Musi asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewi asefoɔ ne sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

1 Chronicles 24:30 in English

1 Chronicles 24:30 · Berean Standard Bible

And the sons of Mushi: Mahli, Eder, and Jerimoth.* These were the sons of the Levites, according to their families.

Context

28Mahli asefoɔ ntuanoni ne Eleasa a na ɔnni mmammarima no. 29Kis asefoɔ ntuanoni ne Yerahmeel. 30Musi asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewi asefoɔ ne sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 31Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefoɔ deɛ no, a wɔanhwɛ mfeɛ a wɔadi ne wɔn diberɛ. Wɔdii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmusua mpanimfoɔ no anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.