1 Berɛsosɛm 23:12
1 Chronicles 23:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho.
1 Chronicles 23:12 in English
1 Chronicles 23:12 · Berean Standard Bible
The sons of Kohath: Amram, Izhar, Hebron, and Uzziel—four in all.
Context
10Simei asefoɔ baanan a wɔaka no ne:
Yahat, Sisa, Yeus ne Beria. 11Na Yahat yɛ ɔbapanin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, ɛfiri sɛ, na wɔn mu biara nni mmammarima dodoɔ. 12Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho. 13Amram mmammarima yɛ:
Aaron ne Mose.
Wɔyii Aaron ne nʼasefoɔ sɛ wɔnni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wɔnhyira wɔ ne din mu daa daa. 14Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no deɛ, wɔde ne mmammarima kaa Lewi abusuakuo ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.