Native Bible

1 Chronicles 23:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Yahat yɛ ɔbapanin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, ɛfiri sɛ, na wɔn mu biara nni mmammarima dodoɔ.

1 Chronicles 23:11 in English

1 Chronicles 23:11 · Berean Standard Bible

Jahath was the first and Zizah was the second; but Jeush and Beriah did not have many sons, so they were counted as one family and received a single assignment.

Context

9Yeinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanimfoɔ. Na Simei asefoɔ baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran. 10Simei asefoɔ baanan a wɔaka no ne: Yahat, Sisa, Yeus ne Beria. 11Na Yahat yɛ ɔbapanin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, ɛfiri sɛ, na wɔn mu biara nni mmammarima dodoɔ. 12Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho. 13Amram mmammarima yɛ: Aaron ne Mose. Wɔyii Aaron ne nʼasefoɔ sɛ wɔnni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wɔnhyira wɔ ne din mu daa daa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.