Native Bible

1 Chronicles 2:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Peres mmammarima din de Hesron ne Hamul.

1 Chronicles 2:5 in English

1 Chronicles 2:5 · Berean Standard Bible

The sons of Perez: Hezron and Hamul.

Context

3Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa. Na wɔn din de Er, Onan ne Sela. Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no. 4Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmammarima baanum. 5Na Peres mmammarima din de Hesron ne Hamul. 6Serah mmammarima din de Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum. 7Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.