1 Berɛsosɛm 2:4
1 Chronicles 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmammarima baanum.
1 Chronicles 2:4 in English
1 Chronicles 2:4 · Berean Standard Bible
Tamar, Judah’s daughter-in-law, bore to him Perez and Zerah. Judah had five sons in all.
Context
2Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser. 3Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa.
Na wɔn din de Er, Onan ne Sela.
Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no. 4Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah.
Enti Yuda woo mmammarima baanum. 5Na Peres mmammarima din de
Hesron ne Hamul. 6Serah mmammarima din de
Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.