1 Berɛsosɛm 2:24
1 Chronicles 2:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).
1 Chronicles 2:24 in English
1 Chronicles 2:24 · Berean Standard Bible
After Hezron died in Caleb-ephrathah, his wife Abijah bore * to him Ashhur the father * of Tekoa.
Context
22Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no. 23(Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)
Na yeinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefoɔ. 24Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya). 25Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin yɛ
Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya. 26Yerahmeel wɔ yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.