Native Bible

1 Chronicles 2:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no.

1 Chronicles 2:22 in English

1 Chronicles 2:22 · Berean Standard Bible

Segub was the father of Jair, who had twenty-three cities in the land of Gilead.

Context

20Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel. 21Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub. 22Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no. 23(Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.) Na yeinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefoɔ. 24Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.