1 Berɛsosɛm 16:36
1 Chronicles 16:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.
1 Chronicles 16:36 in English
1 Chronicles 16:36 · Berean Standard Bible
Blessed be the LORD, the God of Israel, from everlasting to everlasting.” Then all the people said, “Amen!” and “Praise the LORD!”
Context
34Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ
na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. 35Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn!
Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam,
na yɛatumi ada wo din kronkron ase,
na yɛadi ahurisie akamfo wo.” 36Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,
ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.
Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade. 37Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara. 38Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.