1 Berɛsosɛm 16:37
1 Chronicles 16:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara.
1 Chronicles 16:37 in English
1 Chronicles 16:37 · Berean Standard Bible
So David left Asaph and his brothers there before the ark of the covenant of the LORD, to minister there regularly according to the daily requirements,
Context
35Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn!
Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam,
na yɛatumi ada wo din kronkron ase,
na yɛadi ahurisie akamfo wo.” 36Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,
ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.
Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade. 37Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara. 38Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ. 39Dawid de ɔsɔfoɔ Sadok ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ tenaa Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ bepɔ Gibeon mu no, sɛ wɔnsom Awurade anim wɔ hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.