Native Bible

1 Chronicles 16:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no. Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue.

1 Chronicles 16:32 in English

1 Chronicles 16:32 · Berean Standard Bible

Let the sea resound, and all that fills it; let the fields exult, and all that is in them.

Context

30Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim. Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim. 31Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho! Momma aman nyinaa nte sɛ, “Awurade yɛ ɔhene!” 32Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no. Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue. 33Momma kwaeɛm nnua nnyegyeeɛ nyɛ ayɛyie Awurade anim! Ɛfiri sɛ ɔrebɛbu asase atɛn. 34Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.