1 Berɛsosɛm 16:30
1 Chronicles 16:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim. Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim.
1 Chronicles 16:30 in English
1 Chronicles 16:30 · Berean Standard Bible
tremble before Him, all the earth. The world is firmly established; it cannot be moved.
Context
28Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo,
momfa animuonyam ne tumi mma Awurade. 29Momfa animuonyam a ɛfata mma Awurade!
Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no.
Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu. 30Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.
Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim. 31Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho!
Momma aman nyinaa nte sɛ, “Awurade yɛ ɔhene!” 32Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no.
Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.