Native Bible

1 Chronicles 16:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

1 Chronicles 16:28 in English

1 Chronicles 16:28 · Berean Standard Bible

Ascribe to the LORD, O families of the nations, ascribe to the LORD glory and strength.

Context

26Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro! 27Animuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia, ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenaeɛ. 28Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade. 29Momfa animuonyam a ɛfata mma Awurade! Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no. Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu. 30Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim. Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.