Sakaria 9:17
Zechariah 9:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ wɔn ho bɛtwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa! Aduane bɛma mmeranteɛ anyini ahoɔden so na nsã foforɔ bɛma mmabaawa anyini saa ara.
Zechariah 9:17 in English
Zechariah 9:17 · Berean Standard Bible
How lovely they will be, and how beautiful! Grain will make the young men flourish, and new wine, the young women.
Context
15Asafo Awurade bɛyɛ ɛkyɛm ama wɔn.
Wɔde ahwimmoɔ bɛsɛe
na wɔde adi nkonim.
Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛdeɛ wɔanom nsã;
wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a
wɔde pete afɔrebukyia ntweaso. 16Awurade wɔn Onyankopɔn, bɛgye wɔn saa ɛda no
sɛ odwanhwɛfoɔ gye ne nnwan.
Wɔbɛtwa nyinam nyinam wɔ nʼasase so,
sɛ aboɔdemmoɔ a ɛbobɔ ahenkyɛ ho. 17Sɛdeɛ wɔn ho bɛtwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa!
Aduane bɛma mmeranteɛ anyini ahoɔden so
na nsã foforɔ bɛma mmabaawa anyini saa ara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.