Native Bible

Zechariah 7:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ, ‘Mfeɛ aduɔson a atwam no, sɛ modi abuada na motwa adwo wɔ abosome enum ne nsom mu a, na ɛyɛ ampa sɛ me enti na modi abuada no anaa?

Zechariah 7:5 in English

Zechariah 7:5 · Berean Standard Bible

“Ask all the people of the land and the priests, ‘When you fasted and mourned in the fifth and seventh months for these seventy years, was it really for Me that you fasted?

Context

3Wɔmfa asɔfoɔ a wɔwɔ Asafo Awurade fie ne adiyifoɔ so mmisa sɛ, “Menkɔ so ntwa adwo, nni abuada wɔ ɔbosome a ɛtɔ so enum no mu, sɛdeɛ mayɛ no mfeɛ bebree a atwam no anaa?” 4Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 5“Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ, ‘Mfeɛ aduɔson a atwam no, sɛ modi abuada na motwa adwo wɔ abosome enum ne nsom mu a, na ɛyɛ ampa sɛ me enti na modi abuada no anaa? 6Ɛberɛ a modidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani anaa? 7Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na Awurade faa kane adiyifoɔ so paee mu kaaeɛ, wɔ ɛberɛ a Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoeɛ ne mpontuo no, ɛberɛ a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔeɛ fam nkokoɔ no so anaa?’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.