Sakaria 7:4
Zechariah 7:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Zechariah 7:4 in English
Zechariah 7:4 · Berean Standard Bible
Then the word of the LORD of Hosts came to me, saying,
Context
2Na Bet-Elfoɔ asoma Sareser ne Regem-Melek ne wɔn mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Awurade. 3Wɔmfa asɔfoɔ a wɔwɔ Asafo Awurade fie ne adiyifoɔ so mmisa sɛ, “Menkɔ so ntwa adwo, nni abuada wɔ ɔbosome a ɛtɔ so enum no mu, sɛdeɛ mayɛ no mfeɛ bebree a atwam no anaa?” 4Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 5“Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ, ‘Mfeɛ aduɔson a atwam no, sɛ modi abuada na motwa adwo wɔ abosome enum ne nsom mu a, na ɛyɛ ampa sɛ me enti na modi abuada no anaa? 6Ɛberɛ a modidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.