Native Bible

Zechariah 6:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, na apɔnkɔ fitaa na ɛtwe. Deɛ ɛto so ɛnan no, na apɔnkɔ ntokontrama na ɛtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den.

Zechariah 6:3 in English

Zechariah 6:3 · Berean Standard Bible

the third white horses, and the fourth dappled horses—all of them strong.

Context

1Memaa mʼani so bio, na mehunuu nteaseɛnam ɛnan a ɛfiri mmepɔ mmienu ntam reba, mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ. 2Teaseɛnam a ɛdi ɛkan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe deɛ ɛtɔ so mmienu no. 3Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, na apɔnkɔ fitaa na ɛtwe. Deɛ ɛto so ɛnan no, na apɔnkɔ ntokontrama na ɛtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den. 4Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no sɛ, “Me wura, yeinom yɛ ɛdeɛn?” 5Ɔbɔfoɔ no buaa me sɛ, “Yeinom yɛ ahonhom ɛnan a wɔfiri soro, na wɔrefiri ewiase nyinaa Awurade no anim akɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.