Native Bible

Zechariah 11:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa odwanhwɛfoɔ kwasea no nneɛma no bio.

Zechariah 11:15 in English

Zechariah 11:15 · Berean Standard Bible

And the LORD said to me: “Take up once more the equipment of a foolish shepherd.

Context

13Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “To ma ɔnwomfoɔ no,” ɛboɔ a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔ aduasa no, na meto maa ɔnwomfoɔ a ɔwɔ Awurade fie mu no. 14Afei, mebuu me poma a ɛtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no. 15Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa odwanhwɛfoɔ kwasea no nneɛma no bio. 16Na merebɛma odwanhwɛfoɔ bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ deɛ wayera. Ɔrempɛ nnwammaa akyiri ɛkwan, ɔrensa deɛ wapira yadeɛ, ɔremma deɛ ɔwɔ ahoɔden aduane, na mmom, ɔbɛwe nnwan a wadɔre no nam, na watwitwa wɔn tɔte. 17“Nnome nka odwanhwɛfoɔ a ne ho nni mfasoɔ, na ɔdwane gya nnwankuo no! Akofena ntwa nʼabasa, ne nʼani nifa. Nʼabasa no nwu koraa, na nʼani nifa no mfira koraa!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.