Nnwom Mu Dwom 7:3
Song of Songs 7:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo nufu te sɛ aforoteɛ mma mmienu, adabɔ mma ntafoɔ.
Song of Songs 7:3 in English
Song of Songs 7:3 · Berean Standard Bible
Your breasts are like two fawns, twins of a gazelle.
Context
1Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ,
Ao, ɔdehyeɛ babaa!
Wʼanantuo a wogyina so te sɛ abohemaa,
odwumfoɔ nsa ano adwuma. 2Wo funuma yɛ kuruwa a ɛnni nsa
a nsã pa wɔ mu ɛberɛ biara.
Wo sisi yɛ atokoɔ a wɔaboa ano
na sukooko atwa ho ahyia. 3Wo nufu te sɛ aforoteɛ mma mmienu,
adabɔ mma ntafoɔ. 4Wo kɔn te sɛ asonse abantenten.
Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntadeɛ
a ɛwɔ Bat Rabim ɛpono nkyɛn.
Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten
a ɛkyerɛ Damasko no. 5Wo tiri si so sɛ Karmel Bepɔ.
Wo tirinwi te sɛ adehyetoma a wɔadi mu adwinneɛ;
wo tirinwi tentene no dwomfa ɔhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.